Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 45 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Dwom 45
Kora mma dwom. Ayeforɔhyia dwom.

1 Botaeɛ bi a ɛdi mu akanyane mʼakoma ɛberɛ a merebɔ ɔhene mmrane no; me tɛkrɛma yɛ ɔtwerɛfoɔ kunini bi twerɛdua.

2 Wodi mu wɔ mmarima mu na wɔde adom bi asra wʼano, ɛsiane sɛ Onyankopɔn ahyira wo afebɔɔ no enti.

3 Fa wʼakofena bɔ wo nkyɛn mu, Ao Otumfoɔ; fa animuonyam ne kɛseyɛ fira.

4 Fa wo kɛseyɛ mu kɔ wʼanim nkonimdie so wɔ nokorɛ, ahobrɛaseɛ ne tenenee mu; ma wo nsa nifa nna wo nnwuma a ɛyɛ nwanwa no adi.

5 Ma wo bɛmma namnam no nhwere ɔhene atamfoɔ akoma mu; na ma amanaman nhwe wo nan ase.

6 Ao Onyankopɔn, wʼahennwa no bɛtena hɔ daa daa; tenenee ahempoma bɛyɛ wʼahennie no ahempoma.

7 Wodɔ tenenee na wokyiri bɔne. Ɛno enti Onyankopɔn, wo Onyankopɔn de wo asi wo mfɛfoɔ so, na ɔde anigyeɛ ngo asra wo.

8 Kurobo, pɛperɛ ne bɛwewonua hwa agye wo batakari mu nyinaa; sankuo so nnwom a ɛfiri ahemfie a wɔde asonse asiesie ho mu ma wʼani gye.

9 Ahemfo mmammaa ka wo mmaa atitire ho; wo nsa nifa so na ayeforɔ dehyeɛ a ɔhyɛ Ofir sikakɔkɔɔ gyina.

10 Ao ɔbabaa tie, dwene ho na yɛ ɔsetie; ma wo werɛ mfiri wo nkurɔfoɔ ne wo agya fie.

11 Wʼahoɔfɛ asɔ ɔhene no ani; di no nni, ɛfiri sɛ ɔno ne wo wura.

12 Tiro Babaa de ayɛyɛdeɛ bɛba; mmarima adefoɔ bɛdɛfɛdɛfɛ wo.

13 Ɔhene babaa a ɔwɔ ne piam no yɛ onimuonyamfoɔ wɔde sikakɔkɔɔ abobɔ nʼatadeɛ yuu mu.

14 Ɔhyɛ ntadeɛ a wɔadi mu adwinneɛ na wɔde no kɔma ɔhene; ne mfɛfoɔ mmaabunu di nʼakyi na wɔde wɔn nyinaa brɛ wo.

15 Wɔde ahosɛpɛ ne anigyeɛ kɔ mu; wɔhyɛne ɔhempɔn no ahemfie.

16 Wo mmammarima bɛsi wʼagyanom ananmu wobɛyɛ wɔn mmapɔmma wɔ asase no so nyinaa.

17 Mɛma wɔakae wo wɔ awontoatoasoɔ nyinaa mu; ɛno enti amanaman bɛkamfo wo daa nyinaa. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan