Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 40 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Dwom 40
Dawid dwom.

1 Mede boasetɔ twɛnee Awurade; na ɔhwɛɛ me, na ɔtee me sufrɛ.

2 Ɔyii me firii amena a emu yɛ toro mu, firii dɔteɛ ne atɛkyɛ mu; ɔde me nan sii ɔbotan so na ɔmaa me baabi pa gyinaeɛ.

3 Ɔde dwom foforɔ hyɛɛ mʼanom, ayɛyi dwom a yɛde ma yɛn Onyankopɔn. Bebree bɛhunu na wɔasuro na wɔde wɔn werɛ ahyɛ Awurade mu.

4 Nhyira ne onipa a ɔde Awurade yɛ nʼahotɔsoɔ, deɛ ɔmfa nʼani nto ahomasoɔ so, ne wɔn a wɔmane di anyame huhuo akyi.

5 Ao Awurade me Onyankopɔn woayɛ anwanwadeɛ bebree. Nneɛma a wohyehyɛ maa yɛn no obiara ntumi nka ne nyinaa nkyerɛ wo; sɛ meka sɛ mereka ne nyinaa ho asɛm a ɛbɛdɔɔso dodo.

6 Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ, woabue mʼaso ama mahunu; woampɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne afɔdeɛ.

7 Na mekaa sɛ “Mewɔ ha, merebɛyɛ deɛ wopɛ sɛ meyɛ, sɛdeɛ wɔatwerɛ afa me ho wɔ Mmara nwoma no mu no.

8 Ao me Onyankopɔn, mepɛ sɛ meyɛ wʼapɛdeɛ; mede wo mmara ahyɛ mʼakoma mu.”

9 Meka wo tenenee ho asɛm wɔ dwabɔ kɛseɛ ase; meremmua mʼano, Ao Awurade, sɛdeɛ wonim no.

10 Meremfa wo tenenee ho asɛm nsie mʼakoma mu; meka wo nokorɛ ne wo nkwagyeɛ ho asɛm. Mankata wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ so wɔ dwabɔ kɛseɛ no ase.

11 Ao Awurade, nyi wʼahummɔborɔ mfiri me so; ma wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ mmɔ me ho ban daa.

12 Ɔhaw bebree atwa me ho ahyia; mʼamumuyɛ abu afa me so enti menhunu adeɛ bio. Ɛdɔɔso sene me tiri so nwi, na mʼakoma aboto wɔ me mu.

13 Ao Awurade, ma ɛnsɔ wʼani sɛ wobɛboa me; Ao Awurade, bra ntɛm bɛboa me.

14 Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum me no nyinaa, ma wɔn anim ngu ase na wɔnyɛ basaa; ma wɔn a wɔpɛ sɛ mesɛeɛ no, wɔmfa aniwuo nsane wɔn akyi.

15 Wɔn a wɔka “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no, ma wɔn ho nnwiri wɔn wɔ wɔn ankasa animguaseɛ ho.

16 Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa ani nnye na wɔnni ahurisie wɔ wo mu; ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagyeɛ no nka daa sɛ, “Momma Awurade so!”

17 Nanso meyɛ ohiani ne mmɔborɔni; ma Awurade nnwene me ho. Wone me ɔboafoɔ ne me gyefoɔ; Ao me Onyankopɔn, bra ntɛm. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan