Nnwom 4 - Asante Twi Nkwa AsɛmDwom 4 Dawid dwom. 1 Sɛ mesu frɛ wo a, gye me so, Ao, me tenenee Onyankopɔn. Ma me ahomegyeɛ wɔ mʼahohia mu; hunu me mmɔbɔ na tie me mpaeɛbɔ. 2 Ao mmarima, ɛnkɔsi da bɛn na mo bɛdane mʼanimuonyam ahohora? Ɛnkɔsi da bɛn na mobɛdɔ nneɛma hunu na moadi ahoni huhuo akyi? 3 Hunu sɛ Awurade ayi deɛ ɔwɔ nyamesu ama ne ho; Awurade bɛtie, sɛ mesu mefrɛ no a. 4 Mo bo fu a, monnyɛ bɔne; sɛ modeda mo mpa so a, monyɛ komm na monhwehwɛ mo akoma mu. 5 Mommɔ afɔdeɛ a ɛfata na momfa mo werɛ nhyɛ Awurade mu. 6 Nnipa bebree bisa sɛ: “Hwan na ɔbɛtumi ayɛ yɛn adɔeɛ?” Ao Awurade, ma wʼanim hann no nhyerɛn yɛn so. 7 Wode anigyeɛ mmorosoɔ ahyɛ mʼakoma ma asene ɛberɛ a wɔn aburoo ne nsã foforɔ abu so no. 8 Mɛtɔ hɔ, na mada asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ, wo nko ara, Ao Awurade, na woma metena asomdwoeɛ mu. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa atɛntɛbɛn nto. |
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.