Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 38 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Dwom 38
Dawid dwom. Adesrɛ.

1 Ao Awurade, nka mʼanim wɔ wʼabofuo mu na ntwe mʼaso wɔ wʼabufuhyeɛ mu.

2 Wo bɛmma ahwire me mu, na wo nsa adwerɛ me.

3 Wʼabofuhyeɛ no enti, ahoɔden biara nni me mu; me bɔne enti, me nnompe ahodwo.

4 Mʼafɔdie amene me te sɛ adesoa a emu yɛ duru dodo.

5 Mʼakuro bɔn na aporɔ ɛsiane me bɔne mu agyimisɛm enti.

6 Makoto na wɔabrɛ me ase; da mu nyinaa menantenante twa agyaadwoɔ.

7 Mʼakyi dompe mu yea boro so: ahoɔden biara nni me onipadua mu.

8 Mabrɛ na mapɛkyɛ koraa. Mʼakoma mu yea ma me si apinie.

9 Ao Awurade, deɛ merehwɛ anim nyinaa da wʼanim; mʼapinisie nhintaa wo.

10 Mʼakoma bɔ paripari, na mʼahoɔden asa mpo mʼaniwa aduru sum.

11 Mʼapirakuro enti me nnamfonom ne mʼayɔnkofoɔ mmɛn me; mʼafipamfoɔ twe wɔn ho firi me ho.

12 Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum me no sum me mfidie, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔha me no di me sɛeɛ ho nkɔmmɔ. Ɛda mu nyinaa wɔdwene nnaadaasɛm ho.

13 Mete sɛ ɔsotifoɔ a ɔnte asɛm, mete sɛ mumu a ɔntumi nkasa.

14 Mayɛ sɛ obi a ɔnte asɛm, deɛ nʼano ntumi mma mmuaeɛ.

15 Ao Awurade, meretwɛn wo; Ao Awurade me Onyankopɔn, wobɛgye me so.

16 Mekaa sɛ, “Mma wɔn ani nnye; anaa mma wɔnhoahoa wɔn ho wɔ me nan a awatiri no enti.”

17 Mereyɛ mahwe ase, na me yea da so wɔ me mu.

18 Meka me mfomsoɔ kyerɛ; me bɔne hyɛ me so.

19 Bebree na wɔyɛ mʼatamfoɔ; wɔn a wɔtane me kwa no dɔɔso.

20 Wɔn a wɔde bɔne tua me papa so ka no bɔ me ahohora ɛberɛ a mereyɛ papa.

21 Ao, Awurade nnya me. Ao me Onyankopɔn, nkɔ akyiri!

22 Bra ntɛm bɛboa me, Awurade, mʼAgyenkwa. Wɔde ma ɔdwomkyerɛfoɔ no. Yedutun.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan