Nnwom 33 - Asante Twi Nkwa AsɛmDwom 33 1 Momfa ahurisie nto dwom mma Awurade, mo teneneefoɔ, ɛfata sɛ wɔn a wɔtene no yi no ayɛ. 2 Momfa sankuo nkamfo Awurade; monto dwom mma no wɔ sankuten so. 3 Monto dwom foforɔ mma no. Momfa nimdeɛ mmɔ sankuo no na monteam ahurisie so! 4 Awurade asɛm tene, na ɛyɛ nokorɛ ɔdi nokorɛ wɔ deɛ ɔyɛ nyinaa mu. 5 Awurade dɔ teneneeyɛ ne atɛntenenee. Nʼadɔeɛ a ɛnsa da no ahyɛ asase so ma. 6 Awurade asɛm so na wɔnam yɛɛ ɔsorosoro, nʼanom homeɛ so na wɔnam yɛɛ ɔsoro asafo. 7 Ɔka ɛpo nsuo boa ano kuo; na ɔde ebunu siee deɛ ɛhɔ dɔ. 8 Momma asase sofoɔ nyinaa nsuro Awurade; na ewiasefoɔ nyinaa mfa anidie mma no. 9 Ɔno na ɔkasaeɛ na ɛbaa mu na ɔhyɛeɛ na ɛgyinaa pintinn. 10 Awurade sɛe amanaman no nhyehyɛeɛ; ɔma adasamma nsusuiɛ yɛ kwa. 11 Nanso, Awurade nhyehyɛeɛ tim hɔ daa, nʼakoma mu botaeɛ wɔ hɔ ma awoɔ ntoatoasoɔ. 12 Nhyira ne ɔman a ne Onyankopɔn ne Awurade, nnipa a ɔyii wɔn sɛ nʼagyapadeɛ no. 13 Awurade hwɛ adasamma nyinaa firi soro. 14 Ɔfiri nʼatenaeɛ hwɛ wɔn a wɔte asase so nyinaa. 15 Ɔno ne deɛ ɔbɔɔ wɔn nyinaa akoma, enti ɔnim deɛ wɔyɛ nyinaa. 16 Ɛnyɛ ɔhene akodɔm kɛseɛ na ɛbɛgye no; ɛnyɛ ɔkofoɔ ahoɔden na ɛbɛma no afiri mu afi. 17 Ɔpɔnkɔ mu ahotosoɔ yɛ kwa wɔ nkwagyeɛ mu; nʼahoɔden nyinaa akyi no, ɔrentumi nnye nkwa. 18 Nanso Awurade ani wɔ wɔn a wɔsuro no no so, wɔn a wɔwɔ anidasoɔ wɔ ne dɔ a ɛnsa da no mu, 19 sɛ ɔbɛgye wɔn afiri owuo mu na wama wɔatena nkwa mu wɔ ɛkɔm berɛ mu. 20 Yɛde anidasoɔ twɛn Awurade; ɔyɛ yɛn ɔboafoɔ ne yɛn akokyɛm. 21 Ne mu na yɛn akoma di ahurisie, ɛfiri sɛ yɛde yɛn ho to ne din kronkron no so. 22 Ma wʼadɔeɛ a ɛnsa da no ntena yɛn so, Ao Awurade, sɛdeɛ anidasoɔ a yɛwɔ wɔ mu no teɛ. |
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.