Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 32 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Dwom 32
Dawid dwom.

1 Nhyira ne wɔn a wɔde wɔn amumuyɛ akyɛ wɔn, na wɔakata wɔn bɔne so.

2 Nhyira nka onipa a Awurade mmu ne bɔne ngu ne so, na nnaadaa nni ne honhom mu.

3 Ɛberɛ a meyɛɛ komm no, me nnompe yɛɛ mmrɛ apinie a mesii no da mu nyinaa enti.

4 Awia ne anadwo wo nsa yɛɛ den wɔ me so; mʼahoɔden saeɛ sɛdeɛ awiaberɛ mu hyeɛ ma biribi yɛ mmerɛ.

5 Afei, megyee me bɔne too mu. Mankata mʼamumuyɛ so. Mekaa sɛ, “Mɛka me bɔne akyerɛ Awurade,” na wode me bɔne ho afɔdie kyɛɛ me.

6 Enti, ma obiara a ɔwɔ nyamesu mmɔ wo mpaeɛ ɛberɛ a wɔhunu woɔ; ampa ara sɛ nsuo akɛseɛ yiri a, ɛrenka no.

7 Wone me hintabea; wobɛbɔ me ho ban wɔ amanehunu mu na wode nkwagyeɛ nnwom atwa me ho ahyia.

8 Mɛkyerɛkyerɛ wo ɛkwan a wobɛfa soɔ mɛtu wo fo na mahwɛ wo so.

9 Nyɛ sɛ ɔpɔnkɔ anaa afunumpɔnkɔ a ɔnni nteaseɛ enti wɔde nnareka ne ahoma na ɛdanedane no sɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛba wo nkyɛn.

10 Ɔmumuyɛfoɔ amanehunu dɔɔso, nanso Awurade adɔeɛ a ɛnsa da no, ɛtwa onipa a ɔde ne ho to no so no ho hyia.

11 Monni ahurisie na mo ani nnye wɔ Awurade mu, mo teneneefoɔ; monto dwom, mo a mo akoma mu teɛ.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan