Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 30 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Dwom 30
Dwom a wɔto de buee Asɔredan no ano. Dawid dwom.

1 Mema wo so, Ao Awurade, ɛfiri sɛ, woayi me afiri ebunu mu na woamma mʼatamfoɔ ansere me.

2 Ao Awurade me Onyankopɔn, mesu frɛɛ wo sɛ boa me na wosaa me yadeɛ.

3 Ao Awurade, woyii me firii damena mu; wode me ho kyɛɛ me na woamma mankɔ amena mu.

4 Monto ayɛyie nnwom mma Awurade; mo a moyɛ nʼahotefoɔ! Monkamfo ne din kronkron no.

5 Nʼabufuo nkyɛre, na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa; agyaadwotwa bɛwɔ hɔ anadwo, nanso ahosɛpɛ bɛba anɔpa.

6 Metee nka sɛ mewɔ banbɔ no, mekaa sɛ, “Merenhinhim da.”

7 Ao Awurade, woyɛɛ me adom no womaa me bepɔ gyinaa pintinn na wode wʼanim hintaa me no, me bo tuiɛ.

8 Wo, Awurade na mefrɛɛ woɔ; wo hɔ na mesu mesrɛɛ mmɔborɔhunu sɛ:

9 “Mfasoɔ bɛn na ɛwɔ me sɛeɛ ho, sɛ mɛkɔ amena mu? Mfuturo bɛyi wo ayɛ anaa? Ɛbɛpae mu aka wo nokorɛdie anaa?

10 Tie me, Ao Awurade, na hunu me mmɔbɔ! Ao Awurade, yɛ me ɔboafoɔ.”

11 Wodanee mʼagyaadwotwa yɛɛ no asa; woyii mʼayitoma firii me ho na wode anigyeɛ firaa me,

12 sɛ mʼakoma bɛto nnwom ama wo na ɛrenyɛ komm. Ao Awurade me Onyankopɔn, mɛda wo ase daa. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan