Nnwom 3 - Asante Twi Nkwa AsɛmDwom 3 Dawid dwom a ɔtoeɛ ɛberɛ a ɔredwane afiri ne babarima Absalom anim. 1 Ao Awurade, hwɛ sɛdeɛ mʼatamfoɔ dɔɔso fa! Dodoɔ no ara na wɔsɔre tia me! 2 Bebree no ara ka fa me ho sɛ, “Onyankopɔn rennye no”. 3 Nanso, Ao Awurade, woyɛ akokyɛm a atwa me ho ahyia wohyɛ me animuonyam na wopagya me ti. 4 Meteam su frɛ Awurade, na ɔgye me so firi ne bepɔ kronkron no so. 5 Metɔ hɔ na meda a, menyane bio, ɛfiri sɛ Awurade kora me so. 6 Merensuro atamfoɔ mpem mpem a wɔatwa me ho ahyia no. 7 Sɔre, Ao Awurade! Gye me, Ao me Onyankopɔn! Bobɔ mʼatamfoɔ nyinaa apantan; na tutu amumuyɛfoɔ se. 8 Awurade hɔ na ɔgyeɛ firi ba. Ma wo nhyira mmra wo nkurɔfoɔ so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto wɔ sankuhoma so. |
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.