Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 29 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Dwom 29
Dawid dwom.

1 Momfa mma Awurade no, Ao ɔsoro abɔdeɛ, momfa animuonyam ne tumi mma Awurade.

2 Momfa animuonyam a ɛfata Awurade din mma no; monsɔre Awurade wɔ nʼanimuonyam kronkron mu.

3 Awurade nne wɔ nsuo no so; animuonyam Onyankopɔn bobom, Awurade bobom wɔ nsuo akɛseɛ so.

4 Awurade nne mu wɔ tumi; Awurade nne mu wɔ animuonyam.

5 Awurade nne bubu ntweneduro; Awurade nne bubu Lebanon ntweneduro mu nketenkete.

6 Ɔma Lebanon hurihuri te sɛ nantwie ba, na Sirion nso sɛ ɛkoɔ ba.

7 Awurade nne pa ma anyinam ogya dɛre

8 Awurade nne woso ɛserɛ so; Awurade woso Kades serɛ.

9 Awurade nne kyinkyim adum na ɛma kwaeɛ yɛ kwaterekwa. Nʼasɔredan mufoɔ nyinaa team ka sɛ, “Animuonyam nka Onyankopɔn!”

10 Awurade di ɔhene wɔ nsuyire so; wɔasi Awurade ɔhene afebɔɔ.

11 Awurade ma ne nkurɔfoɔ ahoɔden, na ɔde asomdwoeɛ hyira wɔn.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan