Nnwom 28 - Asante Twi Nkwa AsɛmDwom 28 Dawid dwom. 1 Wo na mesu mefrɛ wo, Ao Awurade me Botan; nsi wʼaso wɔ me enti. Sɛ woyɛ komm a, mɛyɛ sɛ wɔn a wɔasiane kɔ amena mu no. 2 Tie me mmɔborɔ su ɛberɛ a mefrɛ wo pɛ mmoa ɛberɛ a mema me nsa so kyerɛ wo Tenabea Kronkron hɔ. 3 Mfa me mfra amumuyɛfoɔ mu ntwe me nkɔ wɔn a wɔyɛ bɔne no. Wɔne wɔn yɔnkonom kasa fɛfɛ nanso wɔde ɔtan sie wɔn akoma mu. 4 Twe wɔn aso wɔ deɛ wɔayɛ no so; wɔn adwuma bɔne no so; tua deɛ wɔde wɔn nsa ayɛ so ka na fa deɛ ɛfata wɔn sane bra wɔn so. 5 Sɛ wɔmmu deɛ Awurade ayɛ ne deɛ ɔde ne nsa ayɛ no enti, ɔbɛbrɛ wɔn ase na ɔremma wɔnnsɔre bio. 6 Ayɛyie nka Awurade, ɛfiri sɛ watie me mmɔborɔ su. 7 Awurade ne mʼahoɔden ne mʼakokyɛm; mʼakoma wɔ ne mu ahotosoɔ, na ɔboa me. Mʼakoma di ahurisie na mede dwomtoɔ bɛda no ase. 8 Awurade yɛ ahoɔden ma ne nkurɔfoɔ; ne nkwagyeɛ nsraban ma deɛ wɔasra no ngo. 9 Gye wo nkurɔfoɔ na hyira wʼagyapadeɛ; yɛ wɔn hwefoɔ, na wo ne wɔn nnante afebɔɔ. |
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.