Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 26 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Dwom 26
Dawid dwom.

1 Bu me bem, Ao Awurade, ɛfiri sɛ, mabɔ bra a asɛm nni ho: mede me ho too Awurade so na manhinhim.

2 Sɔ me hwɛ, Ao Awurade, hwehwɛ mʼakoma ne mʼadwene mu.

3 Wʼadɔeɛ wɔ mʼanim daa na mɛnante wo nokorɛ mu.

4 Me ne nnaadaafoɔ ntena na me ne nyaatwomfoɔ nso nni hwee yɛ.

5 Mekyiri nnebɔneyɛfoɔ dwabɔ na mempɛ sɛ me ne amumuyɛfoɔ tena.

6 Mehohoro me nsa wɔ bembuo mu, na makɔ wʼafɔrebukyia ho ahyia, Ao Awurade,

7 na mepae mu ka wʼayɛyie na meka wʼanwanwadeɛ nyinaa.

8 Mʼani gye efie a wote mu ho, Ao Awurade, baabi a wʼanimuonyam wɔ no.

9 Mfa me kra nka nnebɔneyɛfoɔ deɛ ho nkɔ. Mfa me nkwa nka mogyapɛfoɔ deɛ ho,

10 wɔn a amumuyɛ nhyehyɛeɛ wɔ wɔn nsam na adanmudeɛ ayɛ wɔn nsa nifa ma.

11 Nanso mebɔ ɔbra a ɛho teɛ. Hu me mmɔbɔ na gye me nkwa.

12 Me nan sisi asase tamaa so; na dwabɔ akɛseɛ ase na mɛkamfo Awurade.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan