Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 24 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Dwom 24
Dawid dwom.

1 Asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa yɛ Awurade dea; ewiase ne wɔn a wɔte soɔ nyinaa wɔ no;

2 ɛfiri sɛ ɔno na ɔtoo ne fapem wɔ ɛpo so na ɔde sii nsuo ani.

3 Hwan na ɔbɛtumi aforo Awurade bepɔ no? Hwan na ɔbɛtumi agyina ne tenabea kronkron hɔ?

4 Deɛ ɔyɛ ade tenenee na nʼakoma mu teɛ, deɛ ne kra nni ahoni akyi na ɔnnka ntanhunu.

5 Ɔbɛnya Awurade nsam nhyira ne bembuo a ɛfiri ne Nkwagyeɛ Onyankopɔn.

6 Saa na awoɔ ntoatoasoɔ a wɔhwehwɛ Awurade no teɛ, wɔn a wɔhwehwɛ wʼanim no, Ao Yakob Onyankopɔn.

7 Mo apono, mommuebue mommuebue, mo tete apono, na Animuonyam Ɔhene nhyɛne mu.

8 Hwan ne saa Animuonyam Ɔhene yi? Ɔno ne Awurade ɔhoɔdenfoɔ ne otumfoɔ no; Awurade a ɔyɛ ɔko mu nkonimdifoɔ.

9 Mommuebue, Ao mo apono mommuebue, mo tete apono, na animuonyam Ɔhene no nkɔ mu.

10 Hwan ne saa animuonyam Ɔhene yi? Asafo Awurade no, ɔno ne animuonyam Ɔhene no.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan