Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 20 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Dwom 20
Dawid dwom.

1 Awurade ntie wo wɔ wʼahohia mu; Yakob Onyankopɔn din mmɔ wo ho ban.

2 Ɔmfa mmoa mfiri kronkronbea hɔ mmrɛ wo na ɔmfiri Sion mmɛhyɛ wo den.

3 Ɔnkae wʼafɔrebɔ nyinaa na ɔmma wo hyeɛ afɔdeɛ nsɔ nʼani.

4 Ɔmma wo deɛ wʼakoma pɛ, na wo nhyehyɛeɛ nyinaa nyɛ yie.

5 Yɛbɛbɔ ose ɛberɛ a woadi nkonim na yɛama yɛn frankaa so wɔ yɛn Onyankopɔn din mu. Awurade nyɛ wʼabisadeɛ nyinaa mma wo.

6 Afei mahunu sɛ Awurade gye deɛ wasra no no nkwa; ɔgye no so wɔ ne soro kronkron hɔ ɔde tumi a ɛfiri ne nsa nifa mu no ma no nkwagyeɛ.

7 Ebinom de wɔn ho to wɔn nteaseɛnam so na afoforɔ nso, wɔn apɔnkɔ so, nanso yɛn deɛ, yɛde yɛn ho to Awurade yɛn Onyankopɔn din so.

8 Saa nkurɔfoɔ no, wɔbrɛ wɔn ase ma wɔhwehwe ase, na yɛn deɛ, yɛsɔre gyina pintinn.

9 Ao Awurade gye ɔhene nkwa! Na sɛ yɛfrɛ nso a, gye yɛn so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan