Nnwom 19 - Asante Twi Nkwa AsɛmDwom 19 Dawid dwom. 1 Ɔsoro ka Onyankopɔn animuonyam ho asɛm! Ewiem pae mu ka ne nsa ano adwuma, 2 Ɛda biara, wɔkasa; anadwo biara, wɔkyerɛ nimdeɛ. 3 Ɔkasa anaa nsɛm nnim na wɔnnte wɔn nne. 4 Nanso wɔn asɛm akɔduru asase so mmaa nyinaa, wɔn nsɛm nso akɔduru asase ano. Wɔ ɔsoro hɔ, wasi ntomadan ama owia, 5 a ɔte sɛ ayeforɔkunu a ɔfiri ne pia mu, te sɛ ɔbrane a ne ho pere no sɛ ɔbɛtu ne mmirika. 6 Ɛpue wɔ ɔsoro fa baabi na atwa ne ho akɔsi ano; biribiara nhinta ne hyeɛ. 7 Awurade mmara yɛ pɛ, ɛkanyane ɔkra no. Ahotosoɔ wɔ Awurade nhyehyɛeɛ mu, ɛma deɛ ɔnnim nyansa hunu nyansa. 8 Awurade ahyɛdeɛ tene; ɛma akoma mu anigyeɛ. Awurade ɔhyɛ nsɛm mu da hɔ; na ɛbue ani. 9 Awurade suro yɛ kronn, ɛte hɔ daa. Awurade mmaransɛm yɛ nokorɛ na ne nyinaa tene. 10 Ɛsom bo sene sikakɔkɔɔ sene sikakɔkɔɔ amapa mpo; ɛyɛ dɛ sene ɛwoɔ, sene ɛwoɔ a ɛfiri ɛwokyɛm mu. 11 Wɔnam so bɔ wo ɔsomfoɔ kɔkɔ sɛ, ɛsodie so akatua yɛ bebree. 12 Hwan na ɔhunu nʼankasa mfomsoɔ? Fa me mfomsoɔ a ahinta kyɛ me. 13 Bɔ wʼakoa ho ban firi ɔboayɛ bɔne ho, na anhyɛ me so. Ɛno na ɛbɛma madi bem, a merenni fɔ wɔ bɔne akɛseɛ ho. 14 Ma mʼanom nsɛm ne mʼakoma mu mpaeɛbɔ nyɛ deɛ ɛsɔ wʼani, Ao Awurade me Botan ne me Gyefoɔ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. |
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.