Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 17 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Dwom 17
Dawid Mpaeɛbɔ.

1 Ao, Awurade tie me tenenee abisadeɛ; tie me sufrɛ. Yɛ aso ma me mpaeɛbɔ deɛ ɛmfiri nnaadaa anofafa mu.

2 Ma me bembuo a ɛfiri wo hɔ. Ma wʼani nhunu deɛ ɛyɛ pɛ.

3 Wopɛɛpɛɛ mʼakoma mu, wohwehwɛ me mu anadwo, na wosɔ me hwɛ deɛ, nanso worenhunu hwee; masi madwene pi sɛ mʼano renka bɔne.

4 Nnipa nneyɛɛ fam no, wʼanomu asɛm enti matwe me ho afiri basabasayɛfoɔ akwan ho.

5 Menam wʼakwan so daa; me nan nnwatiriiɛ.

6 Mesu mefrɛ wo, Ao Onyankopɔn na wobɛgye me so; yɛ aso ma me na tie me mpaeɛbɔ.

7 Da wo dɔ nwanwasoɔ no adi wo a wode wo nsa nifa gye wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no nkwa firi wɔn atamfoɔ nsam.

8 Hwɛ me so sɛ obi a wodɔ no; fa me sie wo ntaban nwunu no ase

9 firi amumuyɛfoɔ a wɔretaataa me nsam, mʼatamfoɔ a wɔatwa me ho ahyia no.

10 Wɔpirim wɔn akoma, na wɔkasa ahantan so.

11 Wɔadi me ntɛtɛ, afei wɔatwa me ho ahyia; wɔn ani abere sɛ wɔbɛbɔ me ahwe fam.

12 Wɔte sɛ gyata a ahaboa ho kɔm de no, te sɛ gyata kɛseɛ bi a wabutu wɔ atɛeɛ.

13 Sɔre, Ao Awurade! Wone wɔn mfa mmɔ ani na ka wɔn hyɛ; fa wʼakofena no gye me firi amumuyɛfoɔ no nsam.

14 Ao Awurade fa wo nsa gye me firi nnipa a wɔte sei nsam asase so nnipa a wɔn akatua wɔ nkwa yi mu. Womma ɛkɔm nne wɔn a wʼani ku wɔn ho; wɔn mmammarima wɔ bebree, na wɔkora agyapadeɛ ma wɔn mma.

15 Na me deɛ, me tenenee mu, mɛhunu wʼanim; sɛ menyane na mehunu wo a, mʼakoma bɛtɔ ne yam. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan