Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 145 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Dwom 145
Ayɛyie dwom. Dawid deɛ.

1 Mɛma wo so, me Onyankopɔn, me Ɔhene; mɛkamfo wo din daa daa.

2 Ɛda biara, mɛkamfo wo; na mama wo din so daa daa.

3 Awurade so, na ɔsɛ nkamfo kɛseɛ; obiara rentumi nsusu ne kɛseyɛ.

4 Awoɔ ntoatoasoɔ baako bɛkamfo wo nnwuma akyerɛ ɔfoforɔ; wɔbɛka wo nnwuma akɛseɛ ho asɛm.

5 Wɔbɛka wʼanimuonyam ne wo tumi a ɛhran no ho asɛm, na mɛdwene wʼanwanwadwuma ho.

6 Wɔbɛka wo nnwuma a ɛyɛ hu no mu tumi ho asɛm; na mapae mu aka wo nneyɛɛ akɛseɛ no akyerɛ.

7 Wɔbɛhyɛ wo papayɛ mmorosoɔ no ho fa, na wɔde anigyeɛ ato wo tenenee ho dwom.

8 Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ; ne bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso.

9 Awurade yɛ ma obiara; na ɔwɔ ahummɔborɔ ma nʼabɔdeɛ nyinaa.

10 Ao Awurade, wʼabɔdeɛ nyinaa bɛkamfo wo; na wʼahotefoɔ bɛma wo so.

11 Wɔbɛka wʼahennie no animuonyam ho asɛm na wɔaka wo mmaninyɛ ho asɛm,

12 sɛ ɛbɛyɛ a nnipa bɛhunu wo nnwuma akɛseɛ ne wʼahennie animuonyam a ɛhran no.

13 Wʼahennie yɛ daa ahennie, na wo tumidie wɔ hɔ ma awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa. Awurade di ne bɔhyɛ nyinaa so, na ɔwɔ ɔdɔ ma biribiara a wayɛ.

14 Awurade wowa wɔn a wɔhwe ase na ɔpagya wɔn a wɔn nnesoa ama wɔakom.

15 Ani nyinaa hwɛ wo ɛkwan, na woma wɔn wɔn aduane wɔ ne berɛ mu.

16 Wobue wo nsam na woma biribiara a ɛwɔ nkwa no nʼapɛdeɛ.

17 Awurade tene wɔ nʼakwan nyinaa mu; na ɔyɛ adɔeɛ ma deɛ wayɛ nyinaa.

18 Awurade bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa, wɔn a wɔfrɛ no nokorɛ mu nyinaa.

19 Ɔyɛ wɔn a wɔsuro no no apɛdeɛ ma wɔn; ɔtie wɔn sufrɛ na ɔgye wɔn.

20 Awurade hwɛ wɔn a wɔdɔ no nyinaa so, nanso amumuyɛfoɔ deɛ, ɔbɛsɛe wɔn nyinaa.

21 Mʼano bɛkamfo Awurade. Ma abɔdeɛ nyinaa nkamfo ne din kronkron no daa daa.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan