Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 144 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Dwom 144
Dawid deɛ.

1 Nkamfoɔ nka Awurade, me Botan, deɛ ɔkyerɛkyerɛ me nsa akodie, na ɔkyerɛkyerɛ me nsateaa akodie.

2 Ɔyɛ mʼadɔeɛ Onyankopɔn ne mʼaban, mʼabandenden ne me ɔgyefoɔ, me kyɛm a mewɔ dwanekɔbea wɔ ne mu; ɔno na ɔka nnipa hyɛ mʼase.

3 Ao Awurade, hwan ne onipa, a wʼani ku ne ho? Hwan ne onipa ba, a wodwene ne ho yi?

4 Onipa te sɛ ahomeɛ; ne nna te sɛ sunsum a ɛretwam.

5 Ao Awurade, firi ɔsoro hɔ na siane bra fam; fa wo nsa ka mmepɔ, na ɛmfiri wisie.

6 Soma anyinam na bɔ atamfoɔ no hwete; to wo mmemma no ma wɔn nnwane.

7 Tene wo nsa firi soro bra fam; gye me na yi me firi nsuo akɛseɛ ho, firi ananafoɔ nsam,

8 wɔn a atorɔ ayɛ wɔn anomu ma, na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa.

9 Ao Onyankopɔn, mɛto dwom foforɔ ama wo; mɛto dwom wɔ sankuo a nhoma edu gu soɔ so ama wo,

10 ama Ɔbaako a ɔde nkonimdie ma ahemfo, na ɔgye ne ɔsomfoɔ Dawid firi akofena kɔdiawuo ano.

11 Gye me na yi me firi ananafoɔ nsam, wɔn a atorɔ ayɛ wɔn anomu ma na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa.

12 Afei yɛn mmammarima mmeranteberɛ bɛyɛ sɛ afifideɛ a wɔahwɛ so yie, na yɛn mmammaa bɛyɛ sɛ adum a wɔasene de asiesie ahemfie.

13 Yɛn asan bɛyɛ ma. Aduane ahodoɔ biara bɛba mu bi. Yɛn nnwan bɛdɔɔso ayɛ mpem mpem, ayɛ mpemdu du wɔ yɛn mfuo so;

14 yɛn anantwie bɛtwe nnuane a ɛdɔɔso na emu yɛ duru. Obiara rentumi nnwiri yɛn afasuo ngu; yɛrenkɔ nkoasom mu, na agyaadwotwa remma yɛn mmɔntene so.

15 Nhyira nka nnipa a ɛbɛba mu saa ama wɔn. Nhyira nka nnipa a wɔn Onyankopɔn ne Awurade.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan