Nnwom 143 - Asante Twi Nkwa AsɛmDwom 143 Dawid dwom. 1 Ao Awurade, tie me mpaeɛbɔ, tie me nkotosrɛ; wɔ wo nokorɛdie ne tenenee mu bra bɛboa me. 2 Mfa wʼakoa nkɔ atemmuo mu, na ɔteasefoɔ biara ntene wɔ wʼanim. 3 Ɔtamfoɔ no taa me, ɔbɔ me hwe fam; ɔma me tena esum mu te sɛ wɔn a wɔawuwu dadaada. 4 Ɛno enti me honhom atɔ piti wɔ me mu; na mʼakoma aba mu abu wɔ me mu. 5 Mekae tete nna no; medwendwene wo nnwuma ne deɛ wo nsa ayɛ nyinaa ho. 6 Mepagya me nsa kyerɛ wo; wo ho sukɔm de me kra sɛ asase wesee. 7 Ao Awurade, gye me so ntɛm; me honhom tɔ piti. Mfa wʼanim nhinta me anyɛ saa a, mɛyɛ sɛ wɔn a wɔkɔ amena mu no. 8 Ma mente wʼadɔeɛ a ɛnsa da no ho asɛm daa anɔpa, na mede me ho ato wo so. Kyerɛ me ɛkwan a memfa so, na wo na mema me kra so kyerɛ. 9 Ao Awurade gye me firi mʼatamfoɔ nsam, na wo mu na mede me ho hinta. 10 Kyerɛ me na menyɛ wʼapɛdeɛ, na wo ne me Onyankopɔn; ma wo honhom pa no nni me ɛkan wɔ asase tamaa so. 11 Ao Awurade, wo din enti, kyɛe me nkwa so; wo tenenee mu, yi me firi ɔhaw mu. 12 Wɔ wʼadɔeɛ a ɛnsa da no mu, yi mʼatamfoɔ hɔ; na sɛe wɔn a wɔkyiri me nyinaa, na meyɛ wo ɔsomfoɔ. |
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.