Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 142 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Dwom 142
Dawid deɛ. Ɛberɛ a na ɔwɔ ɔbodan mu no. Mpaeɛbɔ.

1 Meteam mesu frɛ Awurade; me ma me nne so su frɛ Awurade sɛ ɔnhunu me mmɔbɔ.

2 Mehwie mʼahiasɛm megu nʼanim; meka me haw kyerɛ no.

3 Sɛ me ɔkra tɔ baha wɔ me mu a, ɛyɛ wo na wonim mʼakwan. Ɛkwan a menam so no nnipa asum me afidie wɔ so.

4 Hwɛ me nifa so na hunu sɛ; mʼasɛm mfa obiara ho; menni dwanekɔbea bi; me nkwa mfa obiara ho.

5 Ao Awurade, mesu mefrɛ wo; mese, “Wone me dwanekɔbea, me kyɛfa wɔ ateasefoɔ asase so.”

6 Tie me sufrɛ, na mewɔ ahohia kɛseɛ mu; gye me firi mʼataafoɔ nsam, ɛfiri sɛ wɔn ho yɛ den sene me.

7 Yi me firi me nneduadan mu, na makamfo wo din. Afei teneneefoɔ bɛtwa me ho ahyia ɛsiane wo papa a woayɛ me enti.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan