Nnwom 141 - Asante Twi Nkwa AsɛmDwom 141 Dawid dwom. 1 Ao Awurade, mesu mefrɛ wo, bra me nkyɛn ntɛm so. Sɛ mesu mefrɛ wo a, gye me so. 2 Ma me mpaeɛbɔ mmra wʼanim sɛ aduhwam; ma me nsa a mapagya nyɛ sɛ anwummerɛ afɔrebɔ. 3 Ao Awurade, ma ɔwɛmfoɔ nwɛn mʼano; na wɛn mʼano ɛpono. 4 Mma wɔnntwe mʼakoma nkɔ deɛ ɛyɛ bɔne ho, na ankɔyɛ deɛ amumuyɛfoɔ yɛ no bi; mma me ne abɔnefoɔ nni wɔn nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ. 5 Ma ɔteneneeni mmɔ me, ɛyɛ ayamyɛ; ma ɔnka mʼanim, ɛyɛ me tiri so ngo. Me tiri rempo. Me mpaeɛbɔ da so tia abɔnefoɔ nneyɛɛ daa. 6 Wɔbɛto wɔn sodifoɔ afiri abotan so abɛhwe fam; na amumuyɛfoɔ bɛhunu sɛ me nsɛm no yɛ nokorɛ. 7 Wɔbɛka sɛ, “Sɛdeɛ obi funtum na ɔtutu asase no, saa ara na wɔabɔ yɛn nnompe ahwete ɛda ano.” 8 Nanso, Ao Otumfoɔ Awurade, wo so na mʼani da; wo mu na mehinta. Nnya me mma owuo. 9 Bɔ me ho ban firi mfidie a wɔasunsum me no mu, mfidie a abɔnefoɔ asunsum no. 10 Ma amumuyɛfoɔ no ankasa atena nyi wɔn, na menkɔ me baabi asomdwoeɛ mu. |
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.