Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 14 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Dwom 14
Dawid dwom.

1 Ɔkwasea ka wɔ nʼakoma mu sɛ, “Onyankopɔn bi nni hɔ.” Wɔaporɔ, na wɔn nneyɛɛ yɛ fi na wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ ade pa.

2 Awurade firi ɔsoro hwɛ adasamma sɛ ɔbɛhunu wɔn mu bi a wɔwɔ nteaseɛ, anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.

3 Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afiri Onyankopɔn ho; wɔn nyinaa ayɛ bɔne. Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa. Ɔbaako mpo nni hɔ.

4 Enti nnebɔneyɛfoɔ rensua nyansa anaa? Wɔwe me nkurɔfoɔ te sɛ deɛ nnipa di aduane. Wɔnnsu mfrɛ Awurade?

5 Wɔn nie, ehu akyekyere wɔn, ɛfiri sɛ Onyankopɔn te wɔn a wɔtene mu.

6 Mo nnebɔneyɛfoɔ sɛe ahiafoɔ nhyehyɛeɛ, nanso, Awurade ne wɔn dwanekɔbea.

7 Ao, ma Israel nkwagyeɛ mfiri Sion mmra! Awurade bɛsane de ne nkurɔfoɔ agyapadeɛ ama wɔn. Na Yakob adi ahurisie, na Israel ani agye!

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan