Nnwom 137 - Asante Twi Nkwa AsɛmDwom 137 1 Babilonia nsubɔntene ho, ɛhɔ na yɛtena suiɛ ɛberɛ a yɛkaee Sion no. 2 Ɛhɔ nsukakye nnua so na yɛde yɛn asankuo sensɛneeɛ, 3 ɛhɔ na yɛn nnommumfafoɔ bisaa yɛn nnwom, yɛn ahohiahiafoɔ pɛɛ yɛn hɔ ahurisie nnwom; wɔkaa sɛ, “Monto Sion nnwom baako mma yɛn!” 4 Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ato Awurade nnwom ɛberɛ a yɛwɔ ananafoɔ asase so? 5 Ao Yerusalem, sɛ mewerɛ firi wo a ma me nsa nifa werɛ mfiri sankubɔ. 6 Sɛ mankae wo sɛ mʼanigyedeɛ kɛseɛ pa ara a, ma me tɛkrɛma nka mfam mʼanomu. 7 Ao Awurade, kae deɛ Edomfoɔ yɛeɛ wɔ ɛda a Yerusalem hwee ase no. Wɔteam sɛ, “Monnwiri, monnwiri ngu fam nkɔka nʼafapem!” 8 Ao Babilonia babaa a wɔahyɛ sɛ wɔbɛsɛe wo, nhyira nka deɛ ɔtua wo ka wɔ deɛ wode ayɛ yɛn so. 9 Nhyira nka deɛ ɔkyekyee wo nkokoaa de wɔn bobɔɔ abotan so. |
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.