Nnwom 133 - Asante Twi Nkwa AsɛmDwom 133 Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ. 1 Hwɛ ɛyɛ a ɛyɛ ne fɛ a ɛyɛ fɛ sɛ anuanom bom tena faako! 2 Ɛte sɛ ngo a ɛsom bo a wɔahwie agu apampam, na ɛsiane kɔgu bɔgyesɛ mu, ɛsiane kɔgu Aaron bɔgyesɛ mu, ma ebi kɔgu nʼatadeɛ abakɔn so. 3 Ɛte sɛ Hermon bosuo a ɛtɔ gu Bepɔ Sion so. Ɛhɔ na Awurade ahyɛ ne nhyira, nkwa a ɛtoɔ ntwa da no. |
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.