Nnwom 131 - Asante Twi Nkwa AsɛmDwom 131 Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ. 1 Ao Awurade, ahomasoɔ nni mʼakoma mu, na mʼani ntraa ntɔn; memma nsɛm akɛseɛ nha me anaa nsɛm a ɛyɛ nwanwa dodo ma me. 2 Na mmom, mama me kra anya abotɔyam te sɛ akɔkoaa a ɔda ne maame so renum no, te sɛ akɔkoaa a ɔtua nufoɔ ano no, saa ara na me kra ayɛ wɔ me mu. 3 Ao Israel, ma wʼani nna Awurade so, seesei ne daa nyinaa. |
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.