Nnwom 130 - Asante Twi Nkwa AsɛmDwom 130 Ɔsorokorɔ dwom. 1 Ao Awurade, mefiri ebunu mu resu frɛ wo; 2 Ao Awurade tie me nne. Wɛn wʼaso ma me nkotosrɛ. 3 Ao Awurade, sɛ wobu yɛn bɔne ho nkonta a, anka hwan na ɔbɛtumi agyina ano? 4 Nanso, wowɔ bɔnefakyɛ; ɛno enti wɔsuro wo. 5 Metwɛn Awurade, me kra twɛn, na nʼasɛm mu na mede mʼanidasoɔ ahyɛ. 6 Me kra twɛne Awurade sene sɛdeɛ awɛmfoɔ twɛne adekyeɛ, sene sɛdeɛ awɛmfoɔ twene adekyeɛ. 7 Ao Israel, ma wʼani nna Awurade so, ɛfiri sɛ Awurade wɔ adɔeɛ a ɛwɔ hɔ daa na ɔgyeɛ amapa wɔ ne mu. 8 Ɔno ankasa bɛgye Israel afiri wɔn bɔne nyinaa mu. |
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.