Nnwom 13 - Asante Twi Nkwa AsɛmDwom 13 Dawid dwom. 1 Ao, Awurade, ɛnkɔsi da bɛn? Wo werɛ bɛfiri me afebɔɔ anaa? Ɛnkɔsi da bɛn na wode wʼanim bɛhinta me? 2 Ɛnkɔsi da bɛn na mene mʼadwendwene bɛdi apereapereɛ na awerɛhoɔ ahyɛ mʼakoma mu daa? Mʼatamfoɔ nni me so nkonim nkɔsi da bɛn? 3 Te wʼani hwɛ me na bua me, Ao, Awurade, me Onyankopɔn. Ma mʼani so nyɛ hann, na manna owuo nna. 4 Me ɔtamfoɔ bɛka sɛ, “Madi ne so nkonim.” Na mʼahohiahiafoɔ bɛdi ahurisie ɛberɛ a mahwe ase. 5 Nanso mede me ho to wo dɔ a ɛnsa da no so; mʼakoma di ahurisie wɔ wo nkwagyeɛ mu. 6 Mɛto dwom ama Awurade, ɛfiri sɛ ɔne me adi no yie. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no. |
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.