Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 128 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Dwom 128
Ɔsorokorɔ dwom.

1 Nhyira ne wɔn a wɔsuro Awurade, na wɔnante nʼakwan so.

2 Wobɛdi wʼadwuma so aba; nhyira ne yiedie bɛyɛ wo dea.

3 Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛso aba wɔ wo fie; na wo mmammarima ayɛ sɛ ngo dua a afifiri atwa wo ɛpono ho ahyia.

4 Yei ne onipa a wɔahyira noɔ, deɛ ɔsuro Awurade no.

5 Awurade nhyira wo mfiri Sion wo nkwa nna nyinaa; na ɔmma wo nhunu Yerusalem nkɔsoɔ,

6 na ɔmma wo ntena ase nhunu wo mma mma. Asomdwoeɛ nka Israel.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan