Nnwom 127 - Asante Twi Nkwa AsɛmDwom 127 Ɔsoroforɔ dwom. Salomo deɛ. 1 Sɛ Awurade ansi ɛdan no a, adansifoɔ no yɛ ho adwuma kwa. Sɛ Awurade ammɔ kuropɔn no ho ban a, awɛmfoɔ no wɛn kwa. 2 Ɔkwa ara na wosɔre anɔpahema na woyɛ adwumaden brɛ kɔsi anadwo, ansa na woanya wʼano aduane. Ɛyɛ kwa, ɛfiri sɛ, wɔn a ɔdɔ wɔn no, ɔma wɔda. 3 Mmammarima yɛ agyapadeɛ a ɛfiri Awurade hɔ, na mma yɛ akatua a ɛfiri noɔ. 4 Mmammarima a wɔwo wɔn mmeranteberɛ mu no te sɛ agyan a ɛhyɛ ɔsraani nsam. 5 Nhyira ne onipa a nʼagyan kotokuo ayɛ ma. Wɔn anim rengu ase ɛberɛ a wɔahyia wɔn atamfoɔ wɔ kuro ɛpono ano. |
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.