Nnwom 124 - Asante Twi Nkwa AsɛmDwom 124 Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ. 1 Sɛ anka Awurade nni yɛn afa a, ma Israel nka. 2 Sɛ anka Awurade nni yɛn afa ɛberɛ a nnipa to hyɛɛ yɛn so, 3 ɛberɛ a wɔn abufuo sɔree tiaa yɛn a, anka wɔmenee yɛn anikann; 4 anka nsuyire no bu faa yɛn so, anka ɔhweam no twee yɛn kɔeɛ, 5 anka nsuo a ano yɛ den no afa yɛn kɔ. 6 Nkamfoɔ nka Awurade a wɔamma ho kwan amma wɔamfa wɔn se antete yɛn mu. 7 Yɛadwane sɛ anomaa afiri afirisumfoɔ afidie mu; afidie no mu abubu, ama yɛanya ɛkwan adwane. 8 Yɛn mmoa wɔ Awurade din mu, ɔsoro ne asase Yɛfoɔ no. |
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.