Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 123 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Dwom 123
Ɔsoroforɔ dwom.

1 Mema mʼani so kyerɛ wo, wo a wʼahennwa si ɔsoro.

2 Sɛdeɛ nkoa ani hwɛ wɔn wura nsa no, sɛdeɛ afenaa ani hwɛ nʼawurakwaa nsa no, saa ara na yɛn ani hwɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn kɔsi sɛ ɔbɛhunu yɛn mmɔbɔ.

3 Hu yɛn mmɔbɔ, Ao Awurade, hunu yɛn mmɔbɔ, na wɔabu yɛn animtia bebree.

4 Ahomasofoɔ fɛdie ama yɛabrɛ dodo; ahantanfoɔ animtiabuo afono yɛn.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan