Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 122 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Dwom 122
Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ.

1 Ɛberɛ a wɔsee me sɛ, “Ma yɛnkɔ Awurade fie” no, mʼani gyeeɛ.

2 Yɛgyinagyina wʼapono ano, Ao Yerusalem.

3 Wɔakyekyere Yerusalem yie sɛ kuropɔn. Wɔahyehyɛ mu nneɛma fɛfɛ.

4 Ɛhɔ na mmusuakuo no korɔ, Awurade mmusuakuo no. Wɔkɔkamfo Awurade din sɛdeɛ nhyehyɛeɛ a wɔde ama Israel no teɛ.

5 Ɛhɔ na atemmuo nhennwa no sisi, Dawid fie nhennwa no.

6 Monsrɛ asomdwoeɛ mma Yerusalem sɛ, “Ma wɔn a wɔdɔ wo no nnya banbɔ.

7 Ma asomdwoeɛ mmra wʼafasuo mu na banbɔ mmra wʼabankɛsewa mu.”

8 Me nuanom ne me nnamfonom enti, meka sɛ, “Asomdwoeɛ ntena wo mu.”

9 Awurade yɛn Onyankopɔn fie enti, mɛhwehwɛ wo nkɔsoɔ.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan