Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 121 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Dwom 121
Ɔsoroforɔ dwom.

1 Mema mʼani so kyerɛ mmepɔ no, ɛhe na me mmoa firi bɛba?

2 Me mmoa firi Awurade, ɔsoro ne asase yɛfoɔ no.

3 Ɔremma wo nan nwatiri, deɛ ɔhwɛ wo no, ɔrentɔ nko.

4 Ampa ara deɛ ɔhwɛ Israel no rentɔ nko na ɔrenna.

5 Awurade hwɛ wo so; Awurade ne wo nwunu wɔ wo nsa nifa so;

6 Owia renhye wo wɔ awiaberɛ mu, na ɔsrane nso renha wo anadwo.

7 Awurade bɛbɔ wo ho ban afiri ɔhaw nyinaa ho, ɔbɛhwɛ wo nkwa so;

8 Awurade bɛhwɛ wʼadifire ne wo efieba so, seesei ne daa.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan