Nnwom 120 - Asante Twi Nkwa AsɛmDwom 120 Ɔsoroforɔ dwom. 1 Mesu frɛ Awurade wɔ mʼahohiahia mu, na ɔgye me so. 2 Ao Awurade, gye me firi atorɔ ano ne nnaadaa tɛkrɛma nsam. 3 Ɛdeɛn na ɔbɛyɛ wo, na ɛdeɛn na ɛka ho bio, Ao nnaadaa tɛkrɛma? 4 Ɔde asraafoɔ bɛmma a ano yɛ nnam ne gyasramma bɛtwe wʼaso. 5 Nnome nka me sɛ mabɛsoɛ Mesek, na mete Kedar ntomadan mu! 6 Matena ase akyɛre dodo wɔ wɔn a wɔkyiri asomdwoeɛ mu. 7 Meyɛ asomdwoeɛ onipa; nanso sɛ mekasa a, ɛyɛ ɔko ma wɔn. |
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.