Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 12 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Dwom 12
Dawid dwom.

1 Boa yɛn, Awurade, na nyamesurofoɔ asa; nokwafoɔ ayera wɔ nnipa mu.

2 Obiara di atorɔ kyerɛ ne yɔnko; wɔn ano a ɛdɛfɛdɛfɛ no ka nnaadaasɛm.

3 Ma Awurade ntwa nnaadaa ano ne tɛkrɛma biara a ɛhoahoa ne ho ntwene;

4 wɔn a wɔse, “Yɛde yɛn tɛkrɛma bɛdi nkonim; yɛn ano yɛ yɛn dea, na hwan ne yɛn wura?”

5 “Esiane nhyɛ a wɔde hyɛ mmɔborɔni no ne ohiani apenesie no enti, mɛsɔre afei,” Awurade na ɔseɛ. “Mɛbɔ wɔn ho ban afiri wɔn a wɔha wɔn ho.”

6 Awurade asɛm yɛ nokorɛ te sɛ dwetɛ a wɔasɔne so wɔ fononoo mu, na wɔahoa ho mprɛnson.

7 Ao Awurade, wobɛkora yɛn na woabɔ yɛn ho ban afebɔɔ afiri saa abɔnefoɔ yi ho,

8 abɔnefoɔ a wɔnenam sɛdeɛ wɔpɛ ɛberɛ a adasamma de anidie ma afideɛ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan