Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 116 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Dwom 116

1 Medɔ Awurade ɛfiri sɛ, ɔtee me nne. Ɔtee me mmɔborɔhunu su.

2 Esiane sɛ ɔbrɛɛ nʼaso maa me enti, mɛfrɛ no wɔ ɛberɛ a mete ase yi.

3 Owuo nhoma kyekyeree me, ɛda ho ahometeɛ baa me so, ɔhaw ne awerɛhoɔ hyɛɛ me so.

4 Afei mebɔɔ Awurade din kaa sɛ, “Ao Awurade, gye me nkwa!”

5 Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne ɔteneneeni; ayamhyehyeɛ ahyɛ yɛn Onyankopɔn ma.

6 Awurade bɔ ɔwɛmfoɔ ho ban; ɛberɛ a mewɔ ahohiahia mu no, ɔgyee me.

7 Nya abotɔyam bio, Ao me kra, ɛfiri sɛ Awurade ne wo adi no yie.

8 Na wo, Ao Awurade, woagye me kra afiri owuo mu; woamma mʼani amporo nisuo, na woamma me nan ansunti,

9 sɛ mɛnante Awurade anim wɔ ateasefoɔ asase so.

10 Megye diiɛ; ɛno enti mekaa sɛ, “Mewɔ ahohia kɛseɛ mu.”

11 Na mʼabasamtuo mu, mekaa sɛ, “Nnipa nyinaa yɛ atorofoɔ.”

12 Ɛdeɛn na mɛtumi de atua Awurade ka wɔ ne papa a wayɛ ama me nyinaa?

13 Mɛma nkwagyeɛ kuruwa no so na mabɔ Awurade din.

14 Mɛdi ɛbɔ a mahyɛ Awurade no nyinaa so wɔ ne nkurɔfoɔ nyinaa anim.

15 Nʼahotefoɔ wuo yɛ aboɔden wɔ Awurade ani so.

16 Ao Awurade, ampa ara meyɛ wo ɔsomfoɔ; meyɛ wo ɔsomfoɔ, wʼafenaa babarima; wayi me afiri me mpɔkyerɛ mu.

17 Mɛbɔ aseda afɔdeɛ ama wo na mabɔ Awurade din.

18 Mɛdi me bɔ a mahyɛ Awurade no so wɔ ne nkurɔfoɔ nyinaa anim,

19 wɔ adihɔ a ɛwɔ Awurade fie wɔ wo mfimfini, Ao Yerusalem. Monkamfo Awurade.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan