Nnwom 114 - Asante Twi Nkwa AsɛmDwom 114 1 Ɛberɛ a Israelfoɔ firii Misraim, na Yakob fiefoɔ firii ananafoɔ asase so no, 2 Yuda bɛyɛɛ Awurade kronkronbea na Israel bɛyɛɛ nʼahemman. 3 Ɛpo no huruiɛ na ɛdwaneeɛ, Yordan sanee nʼakyi; 4 Mmepɔ hurihurii sɛ nnwennini nkokoɔ nso hurihurii sɛ nnwammaa. 5 Ɛdeɛn na ɛbaeɛ, Ao ɛpo, na wodwaneeɛ, Ao Yordan, na wosanee wʼakyi, 6 mo mmepɔ, na mohurihuri sɛ nnwennini, na mo nkokoɔ, mohurihuri sɛ nnwammaa? 7 Asase, ma wo ho mpopo wɔ Awurade anim, wɔ Yakob Onyankopɔn anim, 8 ɔno na ɔmaa ɔbotan no danee asubura, na abotan a ɛyɛ den danee nsuwa nsuwa no. |
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.