Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 113 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Dwom 113

1 Monkamfo Awurade. Ao, mo Awurade asomfoɔ, monkamfo no, monkamfo Awurade din.

2 Momma wɔnkamfo Awurade din, seesei ne daa nyinaa.

3 Ɛfiri baabi a owia pue kɔsi faako a ɔkɔtɔ, ma wɔnkamfo Awurade din.

4 Wɔama Awurade so aman nyinaa so, nʼanimuonyam tra ɔsorosoro.

5 Hwan na ɔte sɛ Awurade yɛn Onyankopɔn, Ɔbaako no a ɔdi ɔhene wɔ ɔsorosoro,

6 ɔno na ɔbɔ ne mu ase hwɛ ɔsorosoro ne asase.

7 Ɔma ahiafoɔ so firi mfuturo mu na ɔpagya onnibie firi nso sie so;

8 ɔde wɔn tena mmapɔmma mu, wɔn nkurɔfoɔ mmapɔmma mu.

9 Ɔbɔ obonini atenaseɛ wɔ ne fie sɛ ɔbaatan a nʼani gyeɛ. Monkamfo Awurade.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan