Nnwom 112 - Asante Twi Nkwa AsɛmDwom 112 1 Monkamfo Awurade. Nhyira nka onipa a ɔsuro Awurade na ɔnya nʼahyɛdeɛ mu anigyeɛ pii. 2 Ne mma bɛyɛ atumfoɔ wɔ asase no so; teneneefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ bɛnya nhyira. 3 Ahonya ne sika wɔ ne fie, na ne tenenee tena hɔ daa. 4 Esum mu mpo hann pue ma nnipa a wɔtene, ma ɔdomfoɔ, mmɔborɔhunufoɔ ne ɔnokwafoɔ. 5 Yiedie bɛba deɛ ne tirim yɛ mmrɛ na ɔde fɛm kwa. Yiedie bɛba deɛ ɔde atɛntenenee yɛ ne nneɛma so. 6 Ampa ara, ɔrenhinhim da biara da; wɔbɛkae onipa tenenee daa. 7 Ɔte asɛmmɔne a, ɛmmɔ ne hu; nʼakoma atim wɔ Awurade mu ahotosoɔ mu. 8 Nʼakoma wɔ banbɔ, na ɔnsuro; awieeɛ no, ɔde nkonimdie bɛhyia nʼatamfoɔ. 9 Ɔto nʼakyɛdeɛ pete aman so ma ahiafoɔ, ne tenenee wɔ hɔ daa; wɔbɛkae wɔn daa na wɔahyɛ wɔn animuonyam. 10 Omumuyɛfoɔ bɛhunu ama ayɛ no yea, ɔbɛtwere ne se na wafɔn; omumuyɛfoɔ tirimpɔ bɛyɛ kwa. |
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.