Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 110 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Dwom 110
Dawid dwom.

1 Awurade ka kyerɛɛ me Wura sɛ, “Tena me nifa so kɔsi sɛ mede wʼatamfoɔ bɛyɛ wo nan ntiasoɔ.”

2 Awurade bɛtrɛ wʼahempoma denden mu afiri Sion; na wobɛdi ɔhene wɔ wʼatamfoɔ so.

3 Wʼakodɔm bɛyi wɔn akoma mu ɛda a wobɛkɔ sa. Tumi kronkron bɛyɛ wʼaduradeɛ na wo mmabunu bɛba wo nkyɛn sɛdeɛ bosuo gugu anɔpahema.

4 Awurade aka ntam na ɔrensesa nʼadwene: “Woyɛ daapem ɔsɔfoɔ te sɛ Melkisedek sɛso.”

5 Awurade wɔ wo nifa so; ɔbɛdwerɛ ahemfo wɔ nʼabufuhyeɛ da no.

6 Ɔbɛbu amanaman atɛn aboaboa afunu ano; na wadwerɛ sodifoɔ a wɔwɔ asase so nyinaa.

7 Ɔbɛnom asuwa a ɛda ɛkwan nkyɛn mu nsuo enti ɔbɛdi nkonim. Ɔhene no bɛnom asuwa a ɛda kwankyɛn mu nsuo, na wanya ahoɔden, na wagyina nkonimdie mu.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan