Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 11 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Dwom 11
Dawid dwom.

1 Awurade mu na mede me werɛ ahyɛ. Adɛn na wotumi ka kyerɛ me sɛ, “Tu te sɛ anomaa kɔ wo bepɔ so.

2 Na hwɛ, amumuyɛfoɔ akuntunu wɔn tadua mu, na wɔde wɔn mmɛmma asisi nhoma so sɛ wɔbɛto wɔ esum mu de awɔ akoma mu ahotefoɔ.

3 Sɛ wɔresɛe fapem no a, ɛdeɛn na ɔteneneeni bɛtumi ayɛ?”

4 Awurade wɔ nʼasɔredan kronkron no mu; Awurade te ne soro ahennwa so. Ɔhwɛ nnipa mma, nʼani hwehwɛ wɔn mu.

5 Awurade hwehwɛ ɔteneneeni mu, na amumuyɛfoɔ ne wɔn a wɔpɛ basabasayɛ deɛ, ne kra kyiri wɔn.

6 Ɔbɛtɔ gyaframa ne sɔfe a ɛrederɛ agu Amumuyɛfoɔ so; na mframa a emu yɛ hyeɛ bɛyɛ wɔn kyɛfa.

7 Awurade yɛ ɔteneneeni, na ɔpɛ atɛntenenee; wɔn a wɔtene no bɛhunu nʼanim. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no wɔ “Seminit” sankuo nne so.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan