Nnwom 101 - Asante Twi Nkwa AsɛmDwom 101 Dawid Dwom. 1 Mɛto wo dɔ ne wo tenenee ho dwom; Ao Awurade, mɛto ayɛyie dwom ama wo. 2 Mɛhwɛ yie abu ɔbra a ɛho teɛ. Dabɛn na wobɛba me nkyɛn? Mede akoma a afɔdie nni mu bɛnante me fie. 3 Meremfa mʼani nsi adeɛ a ɛyɛ tane biara so. Mekyiri nnipa a wɔnni gyidie; Me ne wɔn nni hwee yɛ. 4 Nnipa a wɔn akoma yɛ kontonkyi remmɛn me; me ne bɔne nni hwee yɛ. 5 Obiara a ɔdi ne yɔnko ho nsekuro wɔ kɔkoam no, ɔno na mɛsɛe; deɛ ɔwɔ ahantan ani ne ahomasoɔ akoma, ɔno na merennyegye ne so. 6 Mʼani bɛkɔ anokwafoɔ a wɔwɔ asase no soɔ no so na me ne wɔn atena; deɛ ne nanteɛ ho nni asɛm no, ɔno na ɔbɛsom me. 7 Deɛ ɔyɛ ɔdaadaafoɔ biara rentena me fie; deɛ ɔtwa nkontompo no rennyina mʼanim. 8 Adekyeeɛ biara, mɛsɛe amumuyɛfoɔ a wɔwɔ asase yi so nyinaa; na mapam ɔdebɔneyɛfoɔ biara afiri Awurade kuropɔn mu. |
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.