Nnwom 100 - Asante Twi Nkwa AsɛmDwom 100 Ayɛyie Dwom. 1 Mommɔ ose mma Awurade, asase nyinaa 2 Momfa ahosɛpɛ nsom Awurade; momfa anigyeɛ nnwom mmra nʼanim. 3 Monhunu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn; ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne dea; yɛyɛ ne nkurɔfoɔ ne nʼadidibea nnwan. 4 Momfa aseda nhyɛne nʼapono mu na momfa nkamfo nkɔ nʼadihɔ; momfa aseda mma no, na monkamfo ne din. 5 Awurade yɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa; ne nokorɛdie kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so. |
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.