Nnwom 1 - Asante Twi Nkwa AsɛmNKYƐMU A ƐDI KAN Nnwom 1–41 Dwom 1 1 Nhyira ne onipa a ɔntie amumuyɛfoɔ afotuo na ɔnni nnebɔneyɛfoɔ nhwɛsoɔ akyi na ɔntena fɛdifoɔ tenabea. 2 Na mmom, Awurade mmara sɔ nʼani, na ɔdwene ho awia ne anadwo. 3 Ɔte sɛ dua a wɔatɛ wɔ asutene ho, na ɛso nʼaba ne berɛ mu a nʼahahan no nnwan. Deɛ ɔyɛ biara yɛ yie. 4 Nanso nnebɔneyɛfoɔ nte saa; wɔte sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ guo. 5 Enti amumuyɛfoɔ rentumi nnyina atemmuo no ano, na nnebɔneyɛfoɔ nso rentena teneneefoɔ asafo mu. 6 Ɛfiri sɛ Awurade kyerɛ ɔteneneeni kwan nanso amumuyɛfoɔ kwan deɛ, ɛbɛyera. |
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.