Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nehemia 7 - Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Wɔwiee ɔfasuo no, na mesisii apono no wieeɛ no akyi, wɔyiyii apono no anohwɛfoɔ, nnwomtofoɔ ne Lewifoɔ.

2 Meyii me nuabarima Hanani sɛ ɔne Hanania nni Yerusalem so. Na Hanania yɛ ɔsahene a ɔhwɛ aban no so, na ɔyɛ ɔnokwafoɔ a ɔsuro Onyame sene afoforɔ bebree.

3 Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adekyeeɛ mu, sɛ ahuhuro ba a, mommma apono no ano nna hɔ. Na sɛ aponoanohwɛfoɔ wɔ adwuma mu koraa a, montoto mu, na mommram no. Monyi wɔn a wɔtete Yerusalem no bi, na wɔnnwɛn a obiara ba ne ɛberɛ a wɔahyɛ ama no no pɛpɛɛpɛ. Ebi bɛwɛn wɔ awɛneeɛ hɔ, na ebi nso awɛn wɔ wɔn ankasa afie anim.”


Nehemia Twerɛ Nnipa No Edin

4 Saa ɛberɛ no na kuropɔn no so, na emu da hɔ, nanso na nnipa no nnɔɔso. Afie kakra bi na na ɛsisi kuropɔn no mu.

5 Na me Onyankopɔn maa me adwene sɛ memfrɛ kuropɔn no mu ntuanofoɔ ne ɔmanfoɔ no nyinaa nhyia, na wɔntwerɛ wɔn din. Na mahunu nnipa a wɔdii ɛkan sane baa Yuda no abusuadua nwoma. Nsɛm a na wɔatwerɛ agu mu nie:

6 Yeinom ne Yudafoɔ a wɔtwaa wɔn asuo kɔɔ amantam bi so, na wɔfirii nnommumfa mu sane baa Yerusalem ne Yuda nkuro afoforɔ so. Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia.

7 Wɔn ntuanofoɔ yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum ne Baana. Israelfoɔ dodoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ no nie:

8 Abusuafoɔ dodoɔ nie: Paros 2,172

9 Sefatia 372

10 Arah 652

11 Pahat-Moab (Yesua ne Yoab asefoɔ) 2,818

12 Elam 1,254

13 Satu 845

14 Sakai 760

15 Bani 648

16 Bebai 628

17 Asgad 2,322

18 Adonikam 667

19 Bigwai 2,067

20 Adin 655

21 Ater (Hesekia asefoɔ) 98

22 Hasum 328

23 Besai 324

24 Harif 112

25 Gibar 95

26 Mmarima a wɔfiri Betlehem ne Netofa 188

27 Anatot 128

28 Bet-Asmawet 42

29 Kiriat-Yearim, Kefira ne Beerot 743

30 Rama ne Geba 621

31 Mikmas 122

32 Bet-El ne Ai 123

33 Nebo 52

34 Elam 1,254

35 Harim 320

36 Yeriko 345

37 Lod, Hadid ne Ono 721

38 Senaa 3,930

39 Yeinom ne asɔfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ: Yedaia (Yesua fie mufoɔ) asefoɔ 973

40 Imer asefoɔ 1,052

41 Pashur asefoɔ 1,247

42 Harim asefoɔ 1,017

43 Yeinom ne Lewifoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ: Yesua (Kadmiel ne Hodewa fiefoɔ) asefoɔ 74

44 Nnwontofoɔ: Asaf asefoɔ 148

45 Asɔredan Aponoanohwɛfoɔ: Salum, Ater, Talmon asefoɔ, Akub, Hatita ne Sobai asefoɔ 138

46 Asɔredan mu asomfoɔ: Siha, Hasufa, Tabaot asefoɔ,

47 Keros, Siaha, Padon asefoɔ,

48 Lebana, Hagaba, Salmai asefoɔ,

49 Hanan, Gidel, Gahar asefoɔ,

50 Reaia, Resin, Nekoda asefoɔ,

51 Gasam, Usa, Paseah asefoɔ,

52 Besai, Meunim, Nefusim asefoɔ,

53 Bakbuk, Hakufa, Harhur asefoɔ,

54 Baslut, Mehida, Harsa asefoɔ,

55 Barkos, Sisera, Tema asefoɔ,

56 Nesia ne Hatifa asefoɔ

57 Ɔhene Salomo asefoɔ asomfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ no nie: Sotai, Soferet, Perida asefoɔ,

58 Yaala, Darkon, Gidel asefoɔ,

59 Sefatia, Hatil, Pokeret-Hasebaim ne Ami asefoɔ,

60 Asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asomfoɔ asefoɔ no nyinaa na wɔn dodoɔ yɛ 392

61 Ekuo foforɔ bi a saa ɛberɛ yi wɔfiri Tel-Melah, Tel-Harsa, Kerub, Adon ne Imer sane baa Yerusalem, nanso, wɔantumi ankyerɛ mu yie sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafoɔ no ase firi Israel:

62 Delaia, Tobia ne Nekoda asefoɔ no ka saa kuo yi ho, na wɔn dodoɔ yɛ 642

63 Asɔfoɔ baasa a wɔn din de Habaia, Hakos ne Barsilai asefoɔ nso baa Yerusalem. (Na saa Barsilai yi aware Barsilai a ɔfiri Gilead mmammaa no baako ama wafa ɔbaa no abusua din.)

64 Nanso, na wɔayera wɔn abusuadua nwoma no enti wɔamma wɔn ho ɛkwan amma wɔansom sɛ asɔfoɔ.

65 Na amrado no mma ɛkwan mma wɔnnni afɔrebɔ nnuane mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfoɔ bi de ntonto kronkron bɔ a wɔfrɛ no Urim ne Tumim akyerɛ wɔn gyinabea wɔ saa asɛm yi ho.

66 Enti nnipa a wɔsane baa Yuda no nyinaa dodoɔ yɛ (42,360),

67 a ɛno akyi, asomfoɔ (7,337) a wɔyɛ mmaa ne mmarima a ɛmu (245) yɛ nnwomtofoɔ.

68 Wɔde apɔnkɔ ahanson ne aduasa nsia (736) mfunumpɔnkɔ ahanu ne aduanan enum (245).

69 Nyoma ahanan ne aduasa enum (435) ne mfunumu mpem nsia ahanson ne aduonu (6,720).

70 Abusua no bi ntuanofoɔ maa dwumadie no ho akyɛdeɛ. Amrado no too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ pranpran apem (1,000), sikakɔkɔɔ atam aduonum (50) ne asɔfotadeɛ ahanum ne aduasa (530).

71 Ntuanofoɔ no bi ka bɔɔ mu, too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ pranpran ɔpeduonu (20,000), na ebinom nso maa dwetɛ nsania kilogram mpem mmienu ahanu ne aduonu (2,220) de boaa adwuma no.

72 Nnipa a wɔaka no nso maa sikakɔkɔɔ pranpran ɔpeduonu ne dwetɛ bɛyɛ kilogram mpem ne ahanu ne asɔfotadeɛ aduosia nson (67).

73 Enti, asɔfoɔ, Lewifoɔ, aponoanohwɛfoɔ, nnwomtofoɔ, Asɔredan mu asomfoɔ ne nnipa no bi, ne Israelfoɔ a wɔaka nyinaa bɔɔ atenaseɛ wɔ wɔn ankasa nkuro so. Ɔbosome Tisri (bɛyɛ Ɛbɔ ne Ahinime ntam) mfimfini mu a Israelfoɔ akokɔ wɔn nkuro so no,

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan