Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nahum 1 - Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Elkosini Nahum anisoadehunu nwoma a ɛyɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Ninewe ho.


Awurade Abufuo A Ɛtia Ninewe

2 Awurade yɛ ninkunfoɔ ne aweretɔ Onyankopɔn, Awurade tɔ wedeɛ na abufuo ahyɛ no ma. Awurade tɔ nʼatamfoɔ so wedeɛ na nʼabufuo tena wɔn so.

3 Awurade bo kyɛre fu, na ne tumi so, na ɔtwe ɔfɔdifoɔ aso. Ne kwan wɔ ntwahoframa ne ahum mu, omununkum yɛ ne nan ase mfuturo.

4 Ɔteatea ɛpo na ɔma ɛwe; ɔma nsubɔntene nyinaa wewe. Basan ne Karmel twintwam na Lebanon frɔmfrɔmyɛ nso kusa.

5 Mmepɔ woso biribiri nʼanim na nkokoɔ nane. Asase, ewiase ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaa woso nʼanim.

6 Hwan na ɔbɛtumi agyina nʼabufuo ano? Hwan na ɔbɛtumi atena nʼabufuhyeɛ mu? Nʼabufuo hwie te sɛ ogya; abotan yam wɔ nʼanim.

7 Awurade yɛ, ɔyɛ ahohia mu dwanekɔbea. Nʼani wɔ wɔn a wɔde wɔn ho to no so no so.

8 Nanso, ɔnam nsuyire nwanwasoɔ so bɛma Ninewe aba awieeɛ. Ɔbɛtaa nʼatamfoɔ akɔduru esum kabii mu.

9 Ɛpɔ biara a wɔbɛbɔ atia Awurade no, ɔbɛsɛe no; ɔhaw biara remma ne mprenu so.

10 Wɔde nkasɛɛ bɛkyekyere wɔn ho, na ɛberɛ a wɔn nsa aboro wɔn no wɔbɛhye wɔn sɛ wira dwaneeɛ a wɔaboa ano.

11 Ao, Ninewe, wo mu na deɛ ɔbɔ ɛpɔ bɔne tia Awurade na ɔtu fo bɔne no firie.

12 Deɛ Awurade seɛ nie: “Ɛwom sɛ wɔwɔ apamfoɔ a wɔdɔɔso deɛ, nanso wɔbɛsɛe wɔn ama wɔayera. Ao Yuda, ɛwom sɛ mama ɔhaw aba wo so, nanso merenyɛ saa bio.

13 Afei, mɛbubu kɔnnua a ɛda wo kɔn mu na matete nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu.”

14 Ninewe, Awurade aka ɔhyɛ asɛm a ɛfa wo ho: “Worennya asefoɔ a wo din bɛda wɔn so. Mɛsɛe nsɛsodeɛ a wɔasene ne ahoni a wɔaguo a ɛsisi wʼabosonnan mu no. Mɛsiesie wʼadamena ɛfiri sɛ wadane ayɛ atantanneɛ.”

15 Hwɛ mmepɔ no so, deɛ a ɔde asɛmpa no ba no anammɔn ɔno na ɔka asomdwoesɛm! Ao, Yuda di wʼafahyɛ na di wɔ bɔhyɛ so. Nnipa bɔne rentu wo so sa bio; Wɔbɛsɛe wɔn pasaa.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan