Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mmebusɛm 7 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Ɔbaawaresɛefoɔ Ho Kɔkɔbɔ

1 Me ba, fa me nsɛm sie na kora mʼahyɛdeɛ wɔ wo mu.

2 Di mʼahyɛdeɛ so na wobɛnya nkwa; bɔ me nkyerɛkyerɛ ho ban sɛ deɛ wodɔ noɔ.

3 Kyekyere bɔ wo nsateaa ho; twerɛ no yie gu wʼakoma ɛpono so.

4 Ka kyerɛ nyansa sɛ, “Wo yɛ me nuabaa,” na frɛ nteaseɛ wo busuani;

5 Wɔbɛtwe wo afiri ɔbaawaresɛefoɔ ho, afiri ɔbaawarefoɔ sansani nsɛmmɔdɛ ho.

6 Me fie mpomma ano mede mʼani faa ntokua mu.

7 Mehunuu wɔ ntetekwaafoɔ mu, mehyɛɛ mmeranteɛ no mu baako nso, ɔbabunu a ɔnni adwene.

8 Na ɔnam borɔno a ɛbɛn ɔbaa no fie so a nʼani kyerɛ ɔbaa no fie

9 ɛberɛ a ɔnwunu redwoɔ, na animu rebiribiri no.

10 Afei ɔbaa bi firi bɛhyiaa no a wasiesie ne ho sɛ odwamanfoɔ a nnaadaa wɔ nʼakomam.

11 (Ɔyɛ hyirenn na hwee mfa ne ho, ɔntena efie koraa;

12 ɛnnɛ wɔhunu no mmɔntene so, ɔkyena na ɔte adwaberem, ɔtetɛ wɔ mmantwea mmantwea.)

13 Ɔsɔɔ ne mu fee nʼano wamfɛre, na ɔkaa sɛ,

14 “Mewɔ ayɔnkofa ayɛyɛdeɛ wɔ efie; ɛnnɛ madi me bɔhyɛ so.

15 Enti mebaeɛ sɛ merebɛhyia wo; mehwehwɛɛ wo na mahunu wo!

16 Mato me mpa mede nwera a wɔahyɛ no aduro a ɛfiri Misraim.

17 Mede nnuhwam apete me mpa so: kurobo, pɛperɛ ne sinamon.

18 Bra, ma yɛmfa ɔdɔ mmɔ ɔdɔ mu nkɔsi anɔpa;

19 Me kunu nni efie; watu kwan na ɔbɛkyɛre.

20 Ɔde sika a ɛdɔɔso hyɛɛ ne sikabɔtɔ ma na ɔremma kɔsi ɔsrane no korokumatwa berɛ mu.”

21 Ɔde akorɔkorɔ bɔɔ no asɔn; ɔde nnaadaa nyaa no ne no daeɛ.

22 Ɔdii nʼakyi prɛko pɛ te sɛ nantwie a ɔrekɔ akumiiɛ, anaa ɔwansane a ɔde ne tiri rekɔhyɛ hankrafidie mu

23 kɔsi sɛ bɛmma bɛhwire ne brɛboɔ mu, te sɛ anomaa a ɔrekɔtɔ anomaa afidie mu na ɔnnim sɛ ɔbɛhwere ne nkwa.

24 Na afei, me mma, montie me; monyɛ aso mma deɛ meka.

25 Mommma mo akoma mpatere nkɔ ne so na mommane mfa nʼakwan so.

26 Bebree na wɔnam ne so ahwehwe ase; wɔn a wakum wɔn dɔɔso pa ara.

27 Ne fie yɛ ɛda kwantempɔn a ɛkɔ owuo mpia mu.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan