Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mika 1 - Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Awurade de saa nsɛm yi brɛɛ Moresetni Mika ɛberɛ a na Yotam, Ahas ne Hesekia di adeɛ wɔ Yuda no. Anisoadehunu a ɔhunuiɛ fa Samaria ne Yerusalem ho.

2 Monyɛ aso, mo nnipa nyinaa, montie, asase ne mo a mote so nyinaa. Otumfoɔ Awurade redi adanseɛ atia mo, ɔkasa firi nʼasɔredan kronkron no mu.


Atemmuo A Ɛtia Samaria Ne Yerusalem

3 Monhwɛ! Awurade firi nʼatenaeɛ reba; ɔresiane na ɔnante asase sorɔnsorɔmmea so.

4 Mmepɔ nane wɔ nʼase, mmɔnhwa mu paepae te sɛ ama a aka ogya, te sɛ nsuo a ɛsiane ɔherɛ so firi kokoɔ so.

5 Yei nyinaa yɛ Yakob nnebɔne, ne bɔne ahodoɔ a ɛwɔ Israel efie enti. Yakob nnebɔne ne sɛn? Ɛnyɛ Samaria anaa? Na ɛhe ne Yuda sorɔnsorɔmmea? Ɛnyɛ Yerusalem anaa?

6 “Enti mɛyɛ Samaria kuro no mmubuiɛ sie, baabi a wɔbɛyɛ bobe turo. Mehwie nʼaboɔ agu bɔnhwa mu ama ne fapem ho ada hɔ.

7 Wɔbɛbubu nʼahoni nyinaa mu asinasini; wɔde ogya bɛhyɛ nʼasɔredan mu ayɛyɛdeɛ nyinaa. Mɛsɛe ne nsɛsodeɛ nyinaa. Esiane sɛ nʼakyɛdeɛ a waboa ano no nyinaa ɔnya firii adwamanfoɔ akatua mu no enti wɔde bɛma adwamanfoɔ.”


Osu Ne Awerɛhoɔ

8 Yeinom enti mɛsu atwa agyaadwoɔ; mede adagya bɛnante na mennhyɛ mpaboa. Mɛpɔ so sɛ odompo na masu sɛ ɔpatuo.

9 Nʼapirakuro no wuo ayɛ den; abɛduru Yuda. Abɛduru me nkurɔfoɔ ɛpono ano mpo aduru Yerusalem ankasa.

10 Monnka no wɔ Gat monnsu koraa Mo a mowɔ Bet-Leafra deɛ monyantam mfuturo mu.

11 Monsene nkɔ adagya ne aniwuo mu, mo a mote Safir. Wɔn a wɔte Saanan ntumi mpue Bet-Esel wɔ awerɛhoɔ mu; ɛfiri sɛ, wo hɔ na ɔnya ne banbɔ.

12 Wɔn a wɔte Marot de ɔyea nukanuka wɔ mu de twɛn mmoa, ɛfiri sɛ amanehunu a ɛfiri Awurade hɔ aba abɛduru Yerusalem ɛpono ano.

13 Mo a mote Lakis, monsiesie nteaseɛnam no. Mo ne bɔne farebae ma Ɔbabaa Sion, na modii Israel anim kɔɔ bɔne mu.

14 Enti mode ntetemu akyɛdeɛ bɛma Moreset-Gat, Aksib kuro bɛdaadaa Israel ahemfo.

15 Mede nkonimdifoɔ bɛtoa mo mo a mote Maresa. Deɛ ɔyɛ Israel onimuonyamfoɔ no bɛba Adulam.

16 Monyi mo tirinwi mfa nni awerɛhoɔ, wɔ mma a mo ani gye wɔn ho no ho; mommɔ tikwa te sɛ ɔpete, ɛfiri sɛ, wɔbɛfa wɔn afiri mo nkyɛn akɔ nnommumfa mu.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan