Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hosea 6 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Israel Nni Ahonu

1 “Mommra, momma yɛnsane nkɔ Awurade nkyɛn. Wɔatete yɛn mu asinasini nanso ɔbɛsa yɛn yadeɛ. Wapirapira yɛn nanso ɔbɛkyekyere yɛn apirakuro.

2 Nnanu akyiri, ɔbɛma yɛanya ahoɔden; nansa so, ɔde yɛn bɛsi yɛn siberɛ na yɛanya nkwa wɔ nʼanim.

3 Momma yɛnnye Awurade nto mu; momma yɛn nkɔ so nnye no nto mu. Sɛdeɛ awia pue da biara no, ɔbɛpue; ɔbɛba yɛn nkyɛn te sɛ osuo a ɛtɔ awɔberɛ mu anaa osutɔberɛ mu nsuo a ɛfɔ asase.”

4 “Ɛdeɛn na mɛtumi de wo ayɛ, Efraim? Ɛdeɛn na mɛtumi de wo ayɛ, Yuda? Mo dɔ te sɛ anɔpa bɔ, ɛte sɛ anɔpa bosuo a ɛtu yera.

5 Mede mʼadiyifoɔ twitwaa mo mu asinasini, mede mʼanum nsɛm kunkumm mo; mʼatemmuo baa mo so sɛ anyinam.

6 Mepɛ ahummɔborɔ na ɛnyɛ afɔrebɔ, mepɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ sene ɔhyeɛ afɔdeɛ.

7 Wɔabu apam no so sɛdeɛ Adam yɛeɛ. Wɔanni me nokorɛ wɔ hɔ.

8 Gilead yɛ atirimuɔdenfoɔ kuropɔn a mogya anammɔn akeka hɔ.

9 Sɛdeɛ akwanmukafoɔ ka ɛkwan mu no saa ara na asɔfo kuo no nso yɛ; wɔdi awu wɔ Sekem kwantempɔn so yɛ nnebɔne a ɛyɛ animguaseɛ.

10 Mahunu ahodwiredeɛ wɔ Israel fie. Ɛhɔ, Efraim kɔ adwamammɔ mu Israel gu ne ho fi.

11 “Na wo Yuda nso, wɔahyɛ otwa berɛ ama wo. “Ɛberɛ biara a mede me nkurɔfoɔ ahonya asane ama wɔn,

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan