Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hosea 14 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Ahonu De Nhyira Ba

1 Ao Israel, sane wʼakyi kɔ Awurade wo Onyankopɔn nkyɛn. Wʼahweaseɛ firi wo bɔne!

2 Fa wo nsɛm a wowɔ sane kɔ Awurade nkyɛn. Ka kyerɛ no sɛ, “Fa yɛn bɔne nyinaa kyɛ yɛn, na fa ahummɔborɔ gye yɛn, na yɛatumi ayi wo ayɛ.

3 Asiria rentumi nnye yɛn; yɛrentena akofoɔ apɔnkɔ so. Yɛrenka bio da sɛ, ‘Yɛn anyame’ nkyerɛ deɛ yɛn ara de yɛn nsa ayɛ, na wo mu na nwisiaa nya ahummɔborɔ.”

4 “Mɛsa wɔn asobrakyeɛ yadeɛ. Mɛfiri mʼakoma mu adɔ wɔn, ɛfiri sɛ mʼabufuo nni wɔn so bio.

5 Mɛyɛ sɛ obosuo ama Israel. Ɔbɛfefɛ ayɛ frɔmm te sɛ sukooko. Te sɛ Lebanon ntweneduro no ɔde ne nhini bɛtim fam;

6 ne mman bɛdennan. Nʼahoɔfɛ bɛyɛ sɛ ngo dua, na ne hwa ayɛ sɛ Lebanon ntweneduro.

7 Nnipa bɛtena ne nwunu ase bio. Ɔbɛnyini ayɛ frɔmm te sɛ aburoo. Ɔbɛfefɛ ayɛ frɔmm te sɛ bobe, na ne din a ahyeta bɛyɛ sɛ nsã a ɛfiri Lebanon.

8 Ao, Efraim ɛdeɛn na me ne ahoni wɔ yɛ bio? Mɛgye no so na mʼani aku ne ho. Mete sɛ dua a nʼahahan mpo; sɛ wobɛso aba a, ɛgyina me so.”

9 Hwan ne onyansafoɔ? Ɔbɛhunu yeinom mu. Hwan na ɔwɔ nhunumu? Ɔbɛte yeinom ase. Awurade akwan tene. Ateneneefoɔ nante so, nanso asoɔdenfoɔ sunti so.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan