Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 23 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Hiob Mmuaeɛ

1 Na Hiob buaa sɛ,

2 “Ɛnnɛ mpo, mʼabooboodie mu da so yɛ den; ne nsa ayɛ den mʼapinisie nyinaa akyi.

3 Sɛ menim baabi a mɛhunu no; anaasɛ mɛtumi akɔ ne tenaberɛ a,

4 anka mɛka mʼasɛm wɔ nʼanim na magye akyinnyeɛ bebree.

5 Anka mɛte mmuaeɛ a ɔde bɛma me, na madwene deɛ ɔbɛka ho.

6 Ɔde tumi a ɛso bɛtia me anaa? Dabi, ɔremmɔ me kwaadu.

7 Ɛhɔ deɛ nnipa tenenee bɛtumi aka nʼasɛm wɔ nʼanim, na wɔbɛgye me afiri me ɔtemmufoɔ nsam afebɔɔ.

8 “Nanso sɛ mekɔ apueeɛ fam a, ɔnni hɔ; sɛ mekɔ atɔeɛ fam nso a, menhunu no.

9 Sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ atifi fam a, menhunu no; sɛ ɔdane ne ho kɔ anafoɔ fam a, mʼani nhye ne ho.

10 Nanso, ɔnim ɛkwan a me nam soɔ; na sɛ ɔsɔ me hwɛ a, mɛfiri mu aba sɛ sikakɔkɔɔ.

11 Madi nʼanammɔn akyi pɛɛ; na manante nʼakwan so a mammane.

12 Mentwee me ho mfirii mmaransɛm a ɛfiri nʼanom ho, mama asɛm a ɛfiri nʼanom ho ahia me asene me daa aduane.

13 “Nanso ɔbiara nni hɔ ka ne ho, na hwan na ɔbɛtumi atia no? Ɔyɛ biribiara a ɔpɛ.

14 Ɔhwɛ ma ne ɔhyɛ nsɛm tia me; ɔda so kora nhyehyɛeɛ a ɛte sei bebree.

15 Ɛno enti na mebɔ hu wɔ nʼanim; na sɛ medwene yeinom nyinaa ho a, mesuro no.

16 Onyankopɔn ama mʼakoma aboto; Otumfoɔ ama mabɔ huboa.

17 Nanso esum no mma menka mʼano ntom, esum kabii a ɛkata mʼanim no mpo.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan